Yohane 17:6
John 17:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mama nnipa a na anka wɔte ewiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahunu wo. Na wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm.
John 17:6 in English
John 17:6 · Berean Standard Bible
I have revealed Your name to those You have given Me out of the world. They were Yours; You gave them to Me, and they have kept Your word.
Context
4Medaa wʼanimuonyam adi kyerɛeɛ wɔ asase so na mewiee adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ. 5Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na worebɔ ewiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha. 6“Mama nnipa a na anka wɔte ewiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahunu wo. Na wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm. 7Afei, wɔahunu sɛ biribiara a wode maa me no firi wo nkyɛn. 8Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wɔtieeɛ. Wɔnim sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ. Na wɔgye di sɛ wo na wosomaa me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.