Native Bible

Jeremiah 9:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ma wɔmmra ntɛm mmesu ngu yɛn so kɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuo na nisuo adware yɛn.

Jeremiah 9:18 in English

Jeremiah 9:18 · Berean Standard Bible

Let them come quickly and take up a lament over us, that our eyes may overflow with tears, and our eyelids may gush with water.

Context

16Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.” 17Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie: “Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no, frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara. 18Ma wɔmmra ntɛm mmesu ngu yɛn so kɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuo na nisuo adware yɛn. 19Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ, ‘Wɔasɛe yɛn! Yɛn anim agu ase yie! Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase so ɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’ ” 20Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm; monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom. Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo; monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.