Yeremia 9:19
Jeremiah 9:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ, ‘Wɔasɛe yɛn! Yɛn anim agu ase yie! Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase so ɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’ ”
Jeremiah 9:19 in English
Jeremiah 9:19 · Berean Standard Bible
For the sound of wailing is heard from Zion: ‘How devastated we are! How great is our shame! For we have abandoned the land because our dwellings have been torn down.’”
Context
17Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie:
“Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no,
frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara. 18Ma wɔmmra ntɛm
mmesu ngu yɛn so
kɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuo
na nisuo adware yɛn. 19Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ,
‘Wɔasɛe yɛn!
Yɛn anim agu ase yie!
Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase so
ɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’ ” 20Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm;
monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom.
Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo;
monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ. 21Owuo aforo afa yɛn mpomma mu
ahyɛne yɛn aban mu;
apamo mmɔfra afiri mmɔntene so
ne mmeranteɛ afiri ɔman adwaberem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.