Yeremia 9:16
Jeremiah 9:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.”
Jeremiah 9:16 in English
Jeremiah 9:16 · Berean Standard Bible
I will scatter them among the nations that neither they nor their fathers have known, and I will send a sword after them until I have finished them off.”
Context
14Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” 15Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra. 16Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.” 17Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie:
“Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no,
frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara. 18Ma wɔmmra ntɛm
mmesu ngu yɛn so
kɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuo
na nisuo adware yɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.