Yeremia 9:10
Jeremiah 9:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no, mɛbɔ abubuo a ɛfa anweatam adidibea ho. Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio, na wɔnte anantwie su wɔ hɔ. Ewiem nnomaa no atutu kɔ na mmoa no nso adwane kɔ.
Jeremiah 9:10 in English
Jeremiah 9:10 · Berean Standard Bible
I will take up a weeping and wailing for the mountains, a dirge over the wilderness pasture, for they have been scorched so no one passes through, and the lowing of cattle is not heard. Both the birds of the air and the beasts have fled; they have gone away.
Context
8Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ;
ɛka nnaadaasɛm.
Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko,
nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie. 9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”
Sei na Awurade seɛ.
“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sei so awere anaa?” 10Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no,
mɛbɔ abubuo a ɛfa anweatam adidibea ho.
Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio,
na wɔnte anantwie su wɔ hɔ.
Ewiem nnomaa no atutu kɔ
na mmoa no nso adwane kɔ. 11“Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie,
sakraman atuo;
na mɛma Yuda nkuro ada mpan
sɛdeɛ obiara ntumi ntena hɔ.” 12Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.