Native Bible

Jeremiah 9:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ; ɛka nnaadaasɛm. Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko, nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie.

Jeremiah 9:8 in English

Jeremiah 9:8 · Berean Standard Bible

Their tongues are deadly arrows; they speak deception. With his mouth a man speaks peace to his neighbor, but in his heart he sets a trap for him.

Context

6Wote nnaadaa mfimfini; na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wɔgye me to mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 7Ɛno enti, sei na Asafo Awurade seɛ, “Hwɛ, mɛnane wɔn asɔ wɔn ahwɛ, na ɛdeɛn bio na mɛtumi ayɛ ɛsiane me nkurɔfoɔ yi bɔne nti? 8Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ; ɛka nnaadaasɛm. Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko, nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie. 9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so awere anaa?” 10Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no, mɛbɔ abubuo a ɛfa anweatam adidibea ho. Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio, na wɔnte anantwie su wɔ hɔ. Ewiem nnomaa no atutu kɔ na mmoa no nso adwane kɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.