Yeremia 8:20
Jeremiah 8:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Otwa berɛ no atwam, ahuhuro berɛ no aba awieeɛ, na wɔnnyee yɛn nkwa.”
Jeremiah 8:20 in English
Jeremiah 8:20 · Berean Standard Bible
“The harvest has passed, the summer has ended, but we have not been saved.”
Context
18Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ,
mʼakoma aboto wɔ me mu. 19Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ
a ɛfiri akyirikyiri asase so:
“Awurade nni Sion anaa?
Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?”
“Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo,
wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?” 20“Otwa berɛ no atwam,
ahuhuro berɛ no aba awieeɛ,
na wɔnnyee yɛn nkwa.” 21Sɛ wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me;
medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me. 22Aduro bi nni Gilead anaa?
Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa?
Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔ
mma me nkurɔfoɔ apirakuro?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.