Native Bible

Jeremiah 8:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu, nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn, na wɔbɛkeka mo,” deɛ Awurade seɛ nie.

Jeremiah 8:17 in English

Jeremiah 8:17 · Berean Standard Bible

“For behold, I will send snakes among you, vipers that cannot be charmed, and they will bite you,” declares the LORD.

Context

15Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ nanso biribi pa biara amfiri mu amma, yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn. 16Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee firi Dan; na wɔn apɔnkɔnini su ma asase no nyinaa woso. Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe asase no ne ɛso nneɛma nyinaa, kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa. 17“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu, nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn, na wɔbɛkeka mo,” deɛ Awurade seɛ nie. 18Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ, mʼakoma aboto wɔ me mu. 19Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ a ɛfiri akyirikyiri asase so: “Awurade nni Sion anaa? Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?” “Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo, wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.