Yeremia 8:16
Jeremiah 8:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee firi Dan; na wɔn apɔnkɔnini su ma asase no nyinaa woso. Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe asase no ne ɛso nneɛma nyinaa, kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
Jeremiah 8:16 in English
Jeremiah 8:16 · Berean Standard Bible
The snorting of enemy horses is heard from Dan. At the sound of the neighing of mighty steeds, the whole land quakes. They come to devour the land and everything in it, the city and all who dwell in it.
Context
14Adɛn enti na yɛtete ha?
Mommoaboa mo ho ano!
Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu
na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ!
Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ
na wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom,
ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no. 15Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ
nanso biribi pa biara amfiri mu amma,
yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan
nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn. 16Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee
firi Dan;
na wɔn apɔnkɔnini su
ma asase no nyinaa woso.
Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe
asase no ne ɛso nneɛma nyinaa,
kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa. 17“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu,
nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn,
na wɔbɛkeka mo,”
deɛ Awurade seɛ nie. 18Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ,
mʼakoma aboto wɔ me mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.