Yeremia 50:41
Jeremiah 50:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monhwɛ! Akodɔm bi firi atifi fam reba; ɔman kɛseɛ ne ahemfo bebree, wɔrehwanyane wɔn afiri nsase ano.
Jeremiah 50:41 in English
Jeremiah 50:41 · Berean Standard Bible
Behold, an army is coming from the north; a great nation and many kings are stirred up from the ends of the earth.
Context
39“Enti ɛserɛ so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ,
na ɛhɔ na ɔpatuo bɛtena.
Obiara rentena so bio
ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ. 40Sɛdeɛ Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora
ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,”
Awurade na ɔseɛ,
“saa ara na obiara rentena hɔ;
onipa biara rentena mu. 41“Monhwɛ! Akodɔm bi firi atifi fam reba;
ɔman kɛseɛ ne ahemfo bebree,
wɔrehwanyane wɔn afiri nsase ano. 42Wɔkurakura bɛmma ne pea;
wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ.
Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.
Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,
wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa
abɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Babilonia. 43Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm,
ne nsa sesa ne ho kwa.
Ahohiahia akyekyere no;
ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.