Native Bible

Jeremiah 50:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Enti ɛserɛ so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ, na ɛhɔ na ɔpatuo bɛtena. Obiara rentena so bio ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.

Jeremiah 50:39 in English

Jeremiah 50:39 · Berean Standard Bible

So the desert creatures and hyenas will live there and ostriches * will dwell there. It will never again be inhabited or lived in from generation to generation.

Context

37Akofena bi bɛsɔre atia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne amanfrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu nyinaa! Wɔbɛdane mmaa. Akofena bi bɛsɔre atia nʼademudeɛ! Wɔbɛfom. 38Ɔweɛ wɔ ne nsuo ahodoɔ so! Ɛbɛwewe. Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase, ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam. 39“Enti ɛserɛ so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ, na ɛhɔ na ɔpatuo bɛtena. Obiara rentena so bio ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ. 40Sɛdeɛ Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu. 41“Monhwɛ! Akodɔm bi firi atifi fam reba; ɔman kɛseɛ ne ahemfo bebree, wɔrehwanyane wɔn afiri nsase ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.