Native Bible

Jeremiah 50:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nna no mu ne saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abom de nisuo akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Onyankopɔn.

Jeremiah 50:4 in English

Jeremiah 50:4 · Berean Standard Bible

“In those days and at that time, declares the LORD, the children of Israel and the children of Judah will come together, weeping as they come, and will seek the LORD their God.

Context

2“Mommɔ no dawuro na mompae mu nka wɔ amanaman mu. Mompagya frankaa na mompae mu nka; na momma wɔnte sɛ, ‘Wɔbɛfa Babilonia; wɔbɛgu Bel anim ase, na ehu bɛhyɛ Merodak ma. Wɔbɛgu ne nsɛsodeɛ anim ase na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’ 3Ɔman bi firi atifi fam bɛto ahyɛ ne so na wɔbɛyɛ nʼasase amanfo. Obiara rentena so; nnipa ne mmoa bɛdwane afiri so. 4“Nna no mu ne saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abom de nisuo akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Onyankopɔn. 5Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sion na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ. Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade wɔ daa apam a wɔn werɛ remfiri mu. 6“Me nkurɔfoɔ ayɛ nnwan a wɔayera; wɔn nnwanhwɛfoɔ ama wɔafom ɛkwan ma wɔkyinkyinii mmepɔ so. Wɔkyinkyinii bɛpɔ ne kokoɔ so na wɔn werɛ firii wɔn ankasa homebea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.