Yeremia 50:2
Jeremiah 50:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mommɔ no dawuro na mompae mu nka wɔ amanaman mu. Mompagya frankaa na mompae mu nka; na momma wɔnte sɛ, ‘Wɔbɛfa Babilonia; wɔbɛgu Bel anim ase, na ehu bɛhyɛ Merodak ma. Wɔbɛgu ne nsɛsodeɛ anim ase na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’
Jeremiah 50:2 in English
Jeremiah 50:2 · Berean Standard Bible
“Announce and declare to the nations; lift up a banner and proclaim it; hold nothing back when you say, ‘Babylon is captured; Bel is put to shame; Marduk is shattered, her images are disgraced, her idols are broken in pieces.’
Context
1Asɛm a Awurade nam odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafoɔ asase ho nie: 2“Mommɔ no dawuro na mompae mu nka wɔ amanaman mu.
Mompagya frankaa na mompae mu nka;
na momma wɔnte sɛ,
‘Wɔbɛfa Babilonia;
wɔbɛgu Bel anim ase,
na ehu bɛhyɛ Merodak ma.
Wɔbɛgu ne nsɛsodeɛ anim ase
na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’ 3Ɔman bi firi atifi fam bɛto ahyɛ ne so
na wɔbɛyɛ nʼasase amanfo.
Obiara rentena so;
nnipa ne mmoa bɛdwane afiri so. 4“Nna no mu ne saa ɛberɛ no,”
Awurade na ɔseɛ,
“Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abom
de nisuo akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.