Yeremia 50:5
Jeremiah 50:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sion na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ. Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade wɔ daa apam a wɔn werɛ remfiri mu.
Jeremiah 50:5 in English
Jeremiah 50:5 · Berean Standard Bible
They will ask the way to Zion and turn their faces toward it. They will come and join themselves to the LORD in an everlasting covenant that will never be forgotten.
Context
3Ɔman bi firi atifi fam bɛto ahyɛ ne so
na wɔbɛyɛ nʼasase amanfo.
Obiara rentena so;
nnipa ne mmoa bɛdwane afiri so. 4“Nna no mu ne saa ɛberɛ no,”
Awurade na ɔseɛ,
“Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abom
de nisuo akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Onyankopɔn. 5Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sion
na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ.
Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade
wɔ daa apam a wɔn
werɛ remfiri mu. 6“Me nkurɔfoɔ ayɛ nnwan a wɔayera;
wɔn nnwanhwɛfoɔ ama wɔafom ɛkwan
ma wɔkyinkyinii mmepɔ so.
Wɔkyinkyinii bɛpɔ ne kokoɔ so
na wɔn werɛ firii wɔn ankasa homebea. 7Obiara a ɔhunuu wɔn no tetee wɔn mu;
wɔn atamfoɔ kaa sɛ, ‘Yɛn nni fɔ,
ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokorɛ didibea no,
Awurade wɔn agyanom anidasoɔ no.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.