Yeremia 50:22
Jeremiah 50:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so, ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeɛ!
Jeremiah 50:22 in English
Jeremiah 50:22 · Berean Standard Bible
“The noise of battle is in the land— the noise of great destruction.
Context
20Saa nna no ne saa ɛberɛ no,”
Awurade na ɔsɛ,
“Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbuo mu,
nanso wɔrennya bi,
wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu,
nanso wɔrenhunu bi,
ɛfiri sɛ, mede nkaeɛfoɔ a megyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn. 21“Monto nhyɛ Merataim asase so
ne nnipa a wɔte Pekod.
Montaa wɔn, monkunkum wɔn
na monsɛe wɔn korakora,”
Awurade na ɔseɛ.
“Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no. 22Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so,
ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeɛ! 23Hwɛ sɛdeɛ wɔabubu na wɔabobɔ
asase nyinaa so asaeɛ!
Hwɛ sɛdeɛ Babilonia ada mpan
wɔ amanaman no mu! 24Mesum wo afidie Ao Babilonia,
na ɛyii wo ansa na worehunu;
wɔhunu wo kyeree wo
ɛfiri sɛ woko tiaa Awurade.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.