Native Bible

Jeremiah 50:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monto nhyɛ Merataim asase so ne nnipa a wɔte Pekod. Montaa wɔn, monkunkum wɔn na monsɛe wɔn korakora,” Awurade na ɔseɛ. “Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.

Jeremiah 50:21 in English

Jeremiah 50:21 · Berean Standard Bible

Go up against the land of Merathaim, and against the residents of Pekod. Kill them * and devote them to destruction.* Do all that I have commanded you,” declares the LORD.

Context

19Na mede Israel bɛsane aba nʼankasa adidibea. Ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan; ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkokoɔ so. 20Saa nna no ne saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔsɛ, “Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbuo mu, nanso wɔrennya bi, wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu, nanso wɔrenhunu bi, ɛfiri sɛ, mede nkaeɛfoɔ a megyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn. 21“Monto nhyɛ Merataim asase so ne nnipa a wɔte Pekod. Montaa wɔn, monkunkum wɔn na monsɛe wɔn korakora,” Awurade na ɔseɛ. “Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no. 22Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so, ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeɛ! 23Hwɛ sɛdeɛ wɔabubu na wɔabobɔ asase nyinaa so asaeɛ! Hwɛ sɛdeɛ Babilonia ada mpan wɔ amanaman no mu!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.