Native Bible

Jeremiah 5:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu; mo bɔne ama adepa abɔ mo.

Jeremiah 5:25 in English

Jeremiah 5:25 · Berean Standard Bible

Your iniquities have diverted these from you; your sins have deprived you of My bounty.

Context

23Nanso, saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuateɛ akoma; wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ. 24Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho sɛ, ‘Momma yɛnsuro Awurade yɛn Onyankopɔn, a ɔma osu tɔ wɔ ne mmerɛ mu, deɛ ɔma yɛn awerɛhyɛmu wɔ ɔtwaberɛ nnapɛn a wahyɛ no ho.’ 25Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu; mo bɔne ama adepa abɔ mo. 26“Amumuyɛfoɔ bi wɔ me nkurɔfoɔ yi mu a wɔtɛ sɛ nnipa a wɔsum nnomaa afidie, na wɔte sɛ wɔn a wɔsum mfidie yi nnipa. 27Sɛdeɛ nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no saa ara na nsisie ahyɛ wɔn afie ma; wɔayeyɛ adefoɔ na wɔanya tumi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.