Yeremia 5:27
Jeremiah 5:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no saa ara na nsisie ahyɛ wɔn afie ma; wɔayeyɛ adefoɔ na wɔanya tumi.
Jeremiah 5:27 in English
Jeremiah 5:27 · Berean Standard Bible
Like cages full of birds, so their houses are full of deceit. Therefore they have become powerful and rich.
Context
25Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu;
mo bɔne ama adepa abɔ mo. 26“Amumuyɛfoɔ bi wɔ me nkurɔfoɔ yi mu
a wɔtɛ sɛ nnipa a wɔsum nnomaa afidie,
na wɔte sɛ wɔn a wɔsum mfidie yi nnipa. 27Sɛdeɛ nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no
saa ara na nsisie ahyɛ wɔn afie ma;
wɔayeyɛ adefoɔ na wɔanya tumi. 28Wɔadodɔre sradeɛ ama wɔn ho ayɛ srasra.
Wɔn amumuyɛsɛm no nni awieeɛ;
wɔnnka nwisiaa asɛm mma wɔn nni bem,
na wɔmmɔ ahiafoɔ tumi ho ban. 29Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yeinom ho anaa?”
Sei na Awurade seɛ.
“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sei so were anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.