Yeremia 5:23
Jeremiah 5:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuateɛ akoma; wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ.
Jeremiah 5:23 in English
Jeremiah 5:23 · Berean Standard Bible
But these people have stubborn and rebellious hearts. They have turned aside and gone away.
Context
21Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene,
mowɔ ani nso monhunu adeɛ,
na mowɔ aso nso monte asɛm: 22Ɛnsɛ sɛ mosuro me anaa?” Sei na Awurade seɛ.
“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim anaa?
Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo,
ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.
Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;
ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra. 23Nanso, saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuateɛ akoma;
wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ. 24Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho sɛ,
‘Momma yɛnsuro Awurade yɛn Onyankopɔn,
a ɔma osu tɔ wɔ ne mmerɛ mu,
deɛ ɔma yɛn awerɛhyɛmu wɔ ɔtwaberɛ nnapɛn a wahyɛ no ho.’ 25Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu;
mo bɔne ama adepa abɔ mo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.