Yeremia 5:21
Jeremiah 5:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene, mowɔ ani nso monhunu adeɛ, na mowɔ aso nso monte asɛm:
Jeremiah 5:21 in English
Jeremiah 5:21 · Berean Standard Bible
“Hear this, O foolish and senseless people, who have eyes but do not see, who have ears but do not hear.
Context
19Na sɛ nnipa no bisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade, yɛn Onyankopɔn, ayɛ yɛn sei’ a, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me hɔ akɔsom ananafoɔ anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na seesei mobɛsom ananafoɔ wɔ asase a ɛnyɛ mo dea so.’ 20“Monka yei nkyerɛ Yakob fiefoɔ
na mo mpae mu nka wɔ Yuda sɛ: 21Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene,
mowɔ ani nso monhunu adeɛ,
na mowɔ aso nso monte asɛm: 22Ɛnsɛ sɛ mosuro me anaa?” Sei na Awurade seɛ.
“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim anaa?
Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo,
ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.
Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;
ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra. 23Nanso, saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuateɛ akoma;
wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.