Yeremia 5:20
Jeremiah 5:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monka yei nkyerɛ Yakob fiefoɔ na mo mpae mu nka wɔ Yuda sɛ:
Jeremiah 5:20 in English
Jeremiah 5:20 · Berean Standard Bible
Declare this in the house of Jacob and proclaim it in Judah:
Context
18“Afei saa nna no mu mpo,” sei na Awurade seɛ, “Merensɛe mo korakora. 19Na sɛ nnipa no bisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade, yɛn Onyankopɔn, ayɛ yɛn sei’ a, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me hɔ akɔsom ananafoɔ anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na seesei mobɛsom ananafoɔ wɔ asase a ɛnyɛ mo dea so.’ 20“Monka yei nkyerɛ Yakob fiefoɔ
na mo mpae mu nka wɔ Yuda sɛ: 21Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene,
mowɔ ani nso monhunu adeɛ,
na mowɔ aso nso monte asɛm: 22Ɛnsɛ sɛ mosuro me anaa?” Sei na Awurade seɛ.
“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim anaa?
Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo,
ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.
Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;
ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.