Yeremia 5:16
Jeremiah 5:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ damena a ano da hɔ; wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.
Jeremiah 5:16 in English
Jeremiah 5:16 · Berean Standard Bible
Their quivers are like open graves; they are all mighty men.
Context
14Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ:
“Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti,
mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya
na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye. 15Ao, Israel fiefoɔ,” Awurade na ɔseɛ,
“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo,
tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease,
nnipa a monnim wɔn kasa,
na monnte wɔn kasa ase. 16Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ damena a ano da hɔ;
wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima. 17Wɔbɛsɛe mo nnɔbaeɛ ne mo aduane,
asɛe mo mmammarima ne mo mmammaa;
wɔbɛsɛe mo nnwankuo ne mo anantwikuo,
asɛe mo bobe ne mo mmɔrɔdɔma.
Wɔde akofena bɛsɛe
nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no. 18“Afei saa nna no mu mpo,” sei na Awurade seɛ, “Merensɛe mo korakora.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.