Yeremia 5:17
Jeremiah 5:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛsɛe mo nnɔbaeɛ ne mo aduane, asɛe mo mmammarima ne mo mmammaa; wɔbɛsɛe mo nnwankuo ne mo anantwikuo, asɛe mo bobe ne mo mmɔrɔdɔma. Wɔde akofena bɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.
Jeremiah 5:17 in English
Jeremiah 5:17 · Berean Standard Bible
They will devour your harvest and food; they will consume your sons and daughters; they will eat up your flocks and herds; they will feed on your vines and fig trees. With the sword they will destroy the fortified cities in which you trust.”
Context
15Ao, Israel fiefoɔ,” Awurade na ɔseɛ,
“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo,
tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease,
nnipa a monnim wɔn kasa,
na monnte wɔn kasa ase. 16Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ damena a ano da hɔ;
wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima. 17Wɔbɛsɛe mo nnɔbaeɛ ne mo aduane,
asɛe mo mmammarima ne mo mmammaa;
wɔbɛsɛe mo nnwankuo ne mo anantwikuo,
asɛe mo bobe ne mo mmɔrɔdɔma.
Wɔde akofena bɛsɛe
nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no. 18“Afei saa nna no mu mpo,” sei na Awurade seɛ, “Merensɛe mo korakora. 19Na sɛ nnipa no bisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade, yɛn Onyankopɔn, ayɛ yɛn sei’ a, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me hɔ akɔsom ananafoɔ anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na seesei mobɛsom ananafoɔ wɔ asase a ɛnyɛ mo dea so.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.