Native Bible

Jeremiah 5:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ: “Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti, mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye.

Jeremiah 5:14 in English

Jeremiah 5:14 · Berean Standard Bible

Therefore this is what the LORD God of Hosts says: “Because you have spoken this word, I will make My words a fire in your mouth and this people the wood it consumes.

Context

12Wɔadi atorɔ afa Awurade ho, wɔkaa sɛ, “Ɔrenyɛ hwee! Ɔhaw biara remma yɛn so; yɛrenhunu akofena anaa ɛkɔm da. 13Adiyifoɔ no yɛ mframa bi kɛkɛ na asɛm no nte wɔn mu; enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so.” 14Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ: “Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti, mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye. 15Ao, Israel fiefoɔ,” Awurade na ɔseɛ, “Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo, tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease, nnipa a monnim wɔn kasa, na monnte wɔn kasa ase. 16Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ damena a ano da hɔ; wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.