Yeremia 5:13
Jeremiah 5:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adiyifoɔ no yɛ mframa bi kɛkɛ na asɛm no nte wɔn mu; enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so.”
Jeremiah 5:13 in English
Jeremiah 5:13 · Berean Standard Bible
The prophets are but wind, for the word is not in them. So let their own predictions befall them.*”
Context
11Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ
anni me nokorɛ koraa,”
Awurade na ɔseɛ. 12Wɔadi atorɔ afa Awurade ho,
wɔkaa sɛ, “Ɔrenyɛ hwee!
Ɔhaw biara remma yɛn so;
yɛrenhunu akofena anaa ɛkɔm da. 13Adiyifoɔ no yɛ mframa bi kɛkɛ
na asɛm no nte wɔn mu;
enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so.” 14Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ:
“Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti,
mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya
na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye. 15Ao, Israel fiefoɔ,” Awurade na ɔseɛ,
“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo,
tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease,
nnipa a monnim wɔn kasa,
na monnte wɔn kasa ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.