Native Bible

Jeremiah 5:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ anni me nokorɛ koraa,” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 5:11 in English

Jeremiah 5:11 · Berean Standard Bible

For the house of Israel and the house of Judah have been utterly unfaithful to Me,” declares the LORD.

Context

9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so were anaa? 10“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no, nanso monnsɛe no koraa. Mompempan ne mman no, ɛfiri sɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea. 11Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ anni me nokorɛ koraa,” Awurade na ɔseɛ. 12Wɔadi atorɔ afa Awurade ho, wɔkaa sɛ, “Ɔrenyɛ hwee! Ɔhaw biara remma yɛn so; yɛrenhunu akofena anaa ɛkɔm da. 13Adiyifoɔ no yɛ mframa bi kɛkɛ na asɛm no nte wɔn mu; enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.