Native Bible

Jeremiah 49:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɛfa Amonfoɔ ho no nie: Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Israel nni mmammarima anaa? Ɔnni wɔn a wɔbɛdi nʼadeɛ? Ɛnneɛ adɛn enti na Molek afa Gad ayɛ ne dea yi? Adɛn enti na ne nkurɔfoɔ tete ne nkuro mu?

Jeremiah 49:1 in English

Jeremiah 49:1 · Berean Standard Bible

Concerning the Ammonites, this is what the LORD says: “Has Israel no sons? Is he without heir? Why then has Milcom * taken possession of Gad? Why have his people settled in their cities?

Context

1Deɛ ɛfa Amonfoɔ ho no nie: Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Israel nni mmammarima anaa? Ɔnni wɔn a wɔbɛdi nʼadeɛ? Ɛnneɛ adɛn enti na Molek afa Gad ayɛ ne dea yi? Adɛn enti na ne nkurɔfoɔ tete ne nkuro mu? 2Nanso nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛbobom de afrɛ ɔko atia Raba a ɛwɔ Amonfoɔ; ɛbɛyɛ nkunkumaboɔ sie, wɔbɛto nkuraaseɛ a atwa ne ho ahyia no mu ogya. Na Israel bɛpamo wɔn a wɔpamoo noɔ no,” sei na Awurade seɛ. 3“Twa adwo Ao, Hesbon, ɛfiri sɛ, wɔasɛe Ai! Monteam Ao, mo a mowɔ Raba! Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ; mommɔ nnyenyen wɔ afasuo no mu, ɛfiri sɛ Molek bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.