Native Bible

Jeremiah 49:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛbobom de afrɛ ɔko atia Raba a ɛwɔ Amonfoɔ; ɛbɛyɛ nkunkumaboɔ sie, wɔbɛto nkuraaseɛ a atwa ne ho ahyia no mu ogya. Na Israel bɛpamo wɔn a wɔpamoo noɔ no,” sei na Awurade seɛ.

Jeremiah 49:2 in English

Jeremiah 49:2 · Berean Standard Bible

Therefore, behold, the days are coming, declares the LORD, when I will sound the battle cry against Rabbah of the Ammonites. It will become a heap of ruins, and its villages will be burned. Then Israel will drive out their dispossessors, says the LORD.

Context

1Deɛ ɛfa Amonfoɔ ho no nie: Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Israel nni mmammarima anaa? Ɔnni wɔn a wɔbɛdi nʼadeɛ? Ɛnneɛ adɛn enti na Molek afa Gad ayɛ ne dea yi? Adɛn enti na ne nkurɔfoɔ tete ne nkuro mu? 2Nanso nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛbobom de afrɛ ɔko atia Raba a ɛwɔ Amonfoɔ; ɛbɛyɛ nkunkumaboɔ sie, wɔbɛto nkuraaseɛ a atwa ne ho ahyia no mu ogya. Na Israel bɛpamo wɔn a wɔpamoo noɔ no,” sei na Awurade seɛ. 3“Twa adwo Ao, Hesbon, ɛfiri sɛ, wɔasɛe Ai! Monteam Ao, mo a mowɔ Raba! Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ; mommɔ nnyenyen wɔ afasuo no mu, ɛfiri sɛ Molek bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ. 4Adɛn enti na wode wo bɔnhwa ahodoɔ hoahoa wo ho? Sɛdeɛ ɛso aba bebree enti anaa? Ao ɔbabaa a ɔnni nokorɛ, wode wo ho to wʼahonya so na woka sɛ, ‘Hwan na ɔbɛto ahyɛ me so?’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.