Yeremia 48:9
Jeremiah 48:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momfa nkyene nhyɛ Moab, ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no; ne nkuro bɛda mpan a obiara rentena soɔ.
Jeremiah 48:9 in English
Jeremiah 48:9 · Berean Standard Bible
Put salt on Moab, for she will be laid waste;* her cities will become desolate, with no one to dwell in them.
Context
7Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti,
mo nso wɔbɛfa mo nnommum,
na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu,
ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ. 8Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa,
na emu biara renya ne ho ntete.
Wɔbɛsɛe bɔnhwa no
na wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no,
ɛfiri sɛ Awurade akasa. 9Momfa nkyene nhyɛ Moab,
ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no;
ne nkuro bɛda mpan a
obiara rentena soɔ. 10“Nnome nka deɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho!
Nnome nka deɛ ɔmmfa nʼakofena nhwie mogya nguo! 11“Moab atena ase asomdwoeɛ mu firi ne mmerante ɛberɛ mu,
te sɛ nsã ase puo a ataa dinn
a wɔnnhwie mfirii ahina mu nkɔguu ahina foforɔ mu da;
saa ara na Moab nso nkɔɔ nnommumfa mu da.
Enti ɔte sɛ deɛ ɔte ara,
na ne ho hwa nsesa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.