Yeremia 48:7
Jeremiah 48:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti, mo nso wɔbɛfa mo nnommum, na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ.
Jeremiah 48:7 in English
Jeremiah 48:7 · Berean Standard Bible
Because you trust in your works and treasures, you too will be captured, and Chemosh will go into exile with his priests and officials.
Context
5Wɔforo kɔ Luhit,
wɔde agyaadwotwa a emu yɛ den na ɛrekɔ;
ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so no
wɔte ahoyera mu agyaadwotwa wɔ adesɛeɛ no ho. 6Monnwane! Montu mmirika mpere mo nkwa.
Momfa mo ho nsie sɛ wira wɔ anweatam so. 7Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti,
mo nso wɔbɛfa mo nnommum,
na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu,
ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ. 8Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa,
na emu biara renya ne ho ntete.
Wɔbɛsɛe bɔnhwa no
na wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no,
ɛfiri sɛ Awurade akasa. 9Momfa nkyene nhyɛ Moab,
ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no;
ne nkuro bɛda mpan a
obiara rentena soɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.