Native Bible

Jeremiah 33:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa nna no mu, wɔbɛgye Yuda nkwa na Yerusalem bɛtena asomdwoeɛ mu. Yei ne din a wɔde bɛfrɛ no Awurade, Yɛn Tenenee.’

Jeremiah 33:16 in English

Jeremiah 33:16 · Berean Standard Bible

In those days Judah will be saved, and Jerusalem will dwell securely, and this is the name by which it will be called: The LORD Our Righteousness.*

Context

14“ ‘Nna no reba,’ Awurade na ɔseɛ, a mɛma adom bɔhyɛ a mehyɛɛ Israel efie ne Yudafie aba mu. 15“ ‘Nna no mu ne saa ɛberɛ no mɛma tenenee Duban afefɛ afiri Dawid ase; ɔbɛyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase no so. 16Saa nna no mu, wɔbɛgye Yuda nkwa na Yerusalem bɛtena asomdwoeɛ mu. Yei ne din a wɔde bɛfrɛ no Awurade, Yɛn Tenenee.’ 17Na yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel efie ahennwa so no remmɔ Dawid da, 18saa ara nso na asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no, ɔbarima a ɔbɛgyina mʼanim daa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ na ɔde afɔdeɛ ahodoɔ abrɛ me, remmɔ wɔn da.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.