Yeremia 33:15
Jeremiah 33:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Nna no mu ne saa ɛberɛ no mɛma tenenee Duban afefɛ afiri Dawid ase; ɔbɛyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase no so.
Jeremiah 33:15 in English
Jeremiah 33:15 · Berean Standard Bible
In those days and at that time I will cause to sprout for David a righteous Branch, and He will administer justice and righteousness in the land.
Context
13Nkuro a ɛwɔ bepɔ so ɔman mu, atɔeɛ fam mmepɔ ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkuro mu, nnwankuo bɛtwam bio wɔ deɛ ɔkane wɔn nsa ase.’ Awurade, na aka. 14“ ‘Nna no reba,’ Awurade na ɔseɛ, a mɛma adom bɔhyɛ a mehyɛɛ Israel efie ne Yudafie aba mu. 15“ ‘Nna no mu ne saa ɛberɛ no
mɛma tenenee Duban afefɛ afiri Dawid ase;
ɔbɛyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase no so. 16Saa nna no mu, wɔbɛgye Yuda nkwa
na Yerusalem bɛtena asomdwoeɛ mu.
Yei ne din a wɔde bɛfrɛ no
Awurade, Yɛn Tenenee.’ 17Na yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel efie ahennwa so no remmɔ Dawid da,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.