Yeremia 33:14
Jeremiah 33:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Nna no reba,’ Awurade na ɔseɛ, a mɛma adom bɔhyɛ a mehyɛɛ Israel efie ne Yudafie aba mu.
Jeremiah 33:14 in English
Jeremiah 33:14 · Berean Standard Bible
Behold, the days are coming, declares the LORD, when I will fulfill the gracious promise that I have spoken to the house of Israel and the house of Judah.
Context
12“Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni mu no; ne nkuro nyinaa so no wɔbɛnya adidibea ama nnwanhwɛfoɔ deɛ wɔn nnwankuo bɛhome. 13Nkuro a ɛwɔ bepɔ so ɔman mu, atɔeɛ fam mmepɔ ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkuro mu, nnwankuo bɛtwam bio wɔ deɛ ɔkane wɔn nsa ase.’ Awurade, na aka. 14“ ‘Nna no reba,’ Awurade na ɔseɛ, a mɛma adom bɔhyɛ a mehyɛɛ Israel efie ne Yudafie aba mu. 15“ ‘Nna no mu ne saa ɛberɛ no
mɛma tenenee Duban afefɛ afiri Dawid ase;
ɔbɛyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase no so. 16Saa nna no mu, wɔbɛgye Yuda nkwa
na Yerusalem bɛtena asomdwoeɛ mu.
Yei ne din a wɔde bɛfrɛ no
Awurade, Yɛn Tenenee.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.