Yeremia 31:36
Jeremiah 31:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,” Awurade na ɔseɛ, “merennyaa Israel da.”
Jeremiah 31:36 in English
Jeremiah 31:36 · Berean Standard Bible
“Only if this fixed order departed from My presence, declares the LORD, would Israel’s descendants ever cease to be a nation before Me.”
Context
34Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,
anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’
Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me,
ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,”
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn,
na merenkae wɔn bɔne bio.” 35Yei ne deɛ Awurade seɛ,
deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ,
na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma
sɛ wɔnhyerɛn anadwo;
deɛ ɔkanyane ɛpo
ma ɛbɔ asorɔkye,
Asafo Awurade ne ne din. 36“Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,”
Awurade na ɔseɛ,
“merennyaa Israel da.” 37Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmu
na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a,
ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ,
nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,”
Awurade na ɔseɛ. 38“Nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.