Native Bible

Jeremiah 31:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ, na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo; deɛ ɔkanyane ɛpo ma ɛbɔ asorɔkye, Asafo Awurade ne ne din.

Jeremiah 31:35 in English

Jeremiah 31:35 · Berean Standard Bible

Thus says the LORD, who gives the sun for light by day, who sets in order the moon and stars for light by night, who stirs up the sea so that its waves roar—the LORD of Hosts is His name:

Context

33“Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,” Awurade na ɔseɛ. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ wɔ wɔn akoma so. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ. 34Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio, anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’ Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me, ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn, na merenkae wɔn bɔne bio.” 35Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ, na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo; deɛ ɔkanyane ɛpo ma ɛbɔ asorɔkye, Asafo Awurade ne ne din. 36“Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,” Awurade na ɔseɛ, “merennyaa Israel da.” 37Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmu na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a, ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ, nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,” Awurade na ɔseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.