Native Bible

Jeremiah 31:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmu na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a, ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ, nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 31:37 in English

Jeremiah 31:37 · Berean Standard Bible

This is what the LORD says: “Only if the heavens above could be measured and the foundations of the earth below searched out would I reject all of Israel’s descendants because of all they have done,” declares the LORD.

Context

35Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ, na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo; deɛ ɔkanyane ɛpo ma ɛbɔ asorɔkye, Asafo Awurade ne ne din. 36“Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,” Awurade na ɔseɛ, “merennyaa Israel da.” 37Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmu na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a, ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ, nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,” Awurade na ɔseɛ. 38“Nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono. 39Wɔbɛtwe susuhoma no mu, afiri hɔ de akɔsi Gareb kokoɔ so, na akontono akɔ Goa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.