Native Bible

Jeremiah 25:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Montie nnwanhwɛfoɔ no su, ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa, ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.

Jeremiah 25:36 in English

Jeremiah 25:36 · Berean Standard Bible

Hear the cry of the shepherds, the wailing of the leaders of the flock, for the LORD is destroying their pasture.

Context

34Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ; mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ. Mokum berɛ no aduru mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den. 35Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane. 36Montie nnwanhwɛfoɔ no su, ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa, ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea. 37Ɛserɛ nsase a asomdwoeɛ wɔ soɔ no bɛda mpan ɛsiane Awurade abufuhyeɛ no enti. 38Na wɔn asase bɛda mpan te sɛ gyata a ɔfiri ne tu mu ɛsiane ɔhyɛsofoɔ no akofena ne Awurade abufuhyeɛ no enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.