Yeremia 25:34
Jeremiah 25:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ; mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ. Mokum berɛ no aduru mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den.
Jeremiah 25:34 in English
Jeremiah 25:34 · Berean Standard Bible
Wail, you shepherds, and cry out; roll in the dust, you leaders of the flock. For the days of your slaughter have come; you will fall and be shattered like fine pottery.*
Context
32Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:
“Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛ
firi ɔman so kɔ ɔman foforɔ so;
ahum kɛseɛ bi rema ne ho so
afiri nsase ano.” 33Saa ɛberɛ no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, firi asase ano kɔsi ano nohoa. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. 34Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ;
mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ.
Mokum berɛ no aduru
mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den. 35Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ
na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane. 36Montie nnwanhwɛfoɔ no su,
ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa,
ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.