Native Bible

Jeremiah 25:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane.

Jeremiah 25:35 in English

Jeremiah 25:35 · Berean Standard Bible

Flight will evade the shepherds, and escape will elude the leaders of the flock.

Context

33Saa ɛberɛ no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, firi asase ano kɔsi ano nohoa. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. 34Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ; mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ. Mokum berɛ no aduru mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den. 35Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane. 36Montie nnwanhwɛfoɔ no su, ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa, ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea. 37Ɛserɛ nsase a asomdwoeɛ wɔ soɔ no bɛda mpan ɛsiane Awurade abufuhyeɛ no enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.