Native Bible

Jeremiah 23:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔn mu hwan na waka Awurade agyinatufoɔ ho sɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm? Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm?

Jeremiah 23:18 in English

Jeremiah 23:18 · Berean Standard Bible

But which of them has stood in the council of the LORD to see and hear His word? Who has given heed to His word and obeyed it?

Context

16Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo; wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ. Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu, a ɛmfiri Awurade anom. 17Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ, ‘Awurade se: Mobɛnya asomdwoeɛ.’ Na wɔn a wɔdi wɔn akomadenyɛ akyi no nyinaa, wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’ 18Na wɔn mu hwan na waka Awurade agyinatufoɔ ho sɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm? Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm? 19Hwɛ, Awurade ahum bɛtu abufuhyeɛ mu, ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ amumuyɛfoɔ mpampam. 20Awurade abufuo rennwo kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte aseɛ yie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.