Native Bible

Jeremiah 23:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo; wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ. Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu, a ɛmfiri Awurade anom.

Jeremiah 23:16 in English

Jeremiah 23:16 · Berean Standard Bible

This is what the LORD of Hosts says: “Do not listen to the words of the prophets who prophesy to you. They are filling you with false hopes. They speak visions from their own minds, not from the mouth of the LORD.

Context

14Na Yerusalem adiyifoɔ mu no mahunu adeɛ a ɛyɛ hu: Wɔsɛe awadeɛ na wɔdi atorɔ. Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden, enti obiara nntwe ne ho mfiri nʼamumuyɛsɛm ho. Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me; na Yerusalemfoɔ te sɛ Gomora.” 15Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ fa adiyifoɔ no ho: “Mema wɔadi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a awuduro wɔ mu, ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ enti, abɔnefosɛm ahyɛ asase yi so ma.” 16Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo; wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ. Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu, a ɛmfiri Awurade anom. 17Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ, ‘Awurade se: Mobɛnya asomdwoeɛ.’ Na wɔn a wɔdi wɔn akomadenyɛ akyi no nyinaa, wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’ 18Na wɔn mu hwan na waka Awurade agyinatufoɔ ho sɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm? Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.