Yeremia 23:15
Jeremiah 23:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ fa adiyifoɔ no ho: “Mema wɔadi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a awuduro wɔ mu, ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ enti, abɔnefosɛm ahyɛ asase yi so ma.”
Jeremiah 23:15 in English
Jeremiah 23:15 · Berean Standard Bible
Therefore this is what the LORD of Hosts says concerning the prophets: “I will feed them wormwood and give them poisoned water to drink, for from the prophets of Jerusalem ungodliness has spread throughout the land.”
Context
13“Samaria adiyifoɔ mu no
mehunuu saa atantanneɛ yi:
Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm
nam so maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ fom ɛkwan. 14Na Yerusalem adiyifoɔ mu no
mahunu adeɛ a ɛyɛ hu:
Wɔsɛe awadeɛ na wɔdi atorɔ.
Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden,
enti obiara nntwe ne ho mfiri nʼamumuyɛsɛm ho.
Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me;
na Yerusalemfoɔ te sɛ Gomora.” 15Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ fa adiyifoɔ no ho:
“Mema wɔadi aduane a ɛyɛ nwono
na wɔanom nsuo a awuduro wɔ mu,
ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ enti,
abɔnefosɛm ahyɛ asase yi so ma.” 16Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:
“Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo;
wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ.
Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu,
a ɛmfiri Awurade anom. 17Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ,
‘Awurade se: Mobɛnya asomdwoeɛ.’
Na wɔn a wɔdi wɔn akomadenyɛ akyi no nyinaa,
wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.