Yeremia 23:20
Jeremiah 23:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade abufuo rennwo kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte aseɛ yie.
Jeremiah 23:20 in English
Jeremiah 23:20 · Berean Standard Bible
The anger of the LORD will not turn back until He has fully accomplished the purposes of His heart. In the days to come you will understand this clearly.
Context
18Na wɔn mu hwan na waka Awurade agyinatufoɔ ho
sɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm?
Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm? 19Hwɛ, Awurade ahum
bɛtu abufuhyeɛ mu,
ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ
amumuyɛfoɔ mpampam. 20Awurade abufuo rennwo
kɔsi sɛ ɔbɛwie
nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.
Nna a ɛreba no mu no
mobɛte aseɛ yie. 21Mansoma saa adiyifoɔ yi,
nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyini;
manto wɔn nkra biara,
nanso wɔahyɛ nkɔm. 22Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a,
anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfoɔ
na ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn akwammɔne
ne wɔn nneyɛɛ bɔne ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.