Native Bible

Jeremiah 23:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a, anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfoɔ na ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn akwammɔne ne wɔn nneyɛɛ bɔne ho.

Jeremiah 23:22 in English

Jeremiah 23:22 · Berean Standard Bible

But if they had stood in My council, they would have proclaimed My words to My people and turned them back from their evil ways and deeds.”

Context

20Awurade abufuo rennwo kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte aseɛ yie. 21Mansoma saa adiyifoɔ yi, nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyini; manto wɔn nkra biara, nanso wɔahyɛ nkɔm. 22Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a, anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfoɔ na ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn akwammɔne ne wɔn nneyɛɛ bɔne ho. 23“Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,” Awurade na ɔseɛ, “na mennyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso? 24Obi bɛtumi de ne ho asie baabi a merentumi nhunu no anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma anaa?” Awurade na ɔseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.