Yeremia 21:12
Jeremiah 21:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ: “ ‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara; monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam, anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya ɛsiane bɔne a moayɛ enti, ɛbɛhye a obiara rennum no.
Jeremiah 21:12 in English
Jeremiah 21:12 · Berean Standard Bible
O house of David, this is what the LORD says: ‘Administer justice every morning, and rescue the victim of robbery from the hand of his oppressor, or My wrath will go forth like fire and burn with no one to extinguish it because of their evil deeds.
Context
10Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’ 11“Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm; 12Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ:
“ ‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara;
monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no
mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam,
anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya
ɛsiane bɔne a moayɛ enti,
ɛbɛhye a obiara rennum no. 13Me ne mo anya, Yerusalem
Mo a mote bɔnhwa yi atifi
abotan asaseta soɔ,
Awurade na ɔseɛ,
mo a moka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn?
Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?” 14Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ,
Awurade na ɔseɛ.
Mɛto mo kwaeɛ mu ogya,
a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.