Native Bible

Jeremiah 21:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ, Awurade na ɔseɛ. Mɛto mo kwaeɛ mu ogya, a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’ ”

Jeremiah 21:14 in English

Jeremiah 21:14 · Berean Standard Bible

I will punish you as your deeds deserve, declares the LORD. I will kindle a fire in your forest that will consume everything around you.’”

Context

12Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ: “ ‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara; monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam, anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya ɛsiane bɔne a moayɛ enti, ɛbɛhye a obiara rennum no. 13Me ne mo anya, Yerusalem Mo a mote bɔnhwa yi atifi abotan asaseta soɔ, Awurade na ɔseɛ, mo a moka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn? Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?” 14Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ, Awurade na ɔseɛ. Mɛto mo kwaeɛ mu ogya, a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.