Yeremia 21:10
Jeremiah 21:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’
Jeremiah 21:10 in English
Jeremiah 21:10 · Berean Standard Bible
For I have set My face against this city to bring disaster and not good, declares the LORD. It will be delivered into the hand of the king of Babylon, who will destroy it with fire.’
Context
8“Ɛbio, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ mede nkwa ɛkwan ne owuo ɛkwan resi mo anim. 9Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena anaa ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara ɔbɛpue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafoɔ a wɔabɛtua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi. 10Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’ 11“Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm; 12Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ:
“ ‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara;
monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no
mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam,
anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya
ɛsiane bɔne a moayɛ enti,
ɛbɛhye a obiara rennum no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.