Yeremia 21:11
Jeremiah 21:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm;
Jeremiah 21:11 in English
Jeremiah 21:11 · Berean Standard Bible
Moreover, tell the house of the king of Judah to hear the word of the LORD.
Context
9Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena anaa ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara ɔbɛpue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafoɔ a wɔabɛtua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi. 10Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’ 11“Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm; 12Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ:
“ ‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara;
monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no
mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam,
anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya
ɛsiane bɔne a moayɛ enti,
ɛbɛhye a obiara rennum no. 13Me ne mo anya, Yerusalem
Mo a mote bɔnhwa yi atifi
abotan asaseta soɔ,
Awurade na ɔseɛ,
mo a moka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn?
Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.