Native Bible

Jeremiah 20:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din anaa merenkasa wɔ ne din mu” a, nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu, ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu. Mede ahyɛ me mu abrɛ nokorɛm, merentumi.

Jeremiah 20:9 in English

Jeremiah 20:9 · Berean Standard Bible

If I say, “I will not mention Him or speak any more in His name,” His message becomes a fire burning in my heart, shut up in my bones, and I become weary of holding it in, and I cannot prevail.

Context

7Ao, Awurade, woadaadaa me; na mapene so ama woadaadaa. Wɔtwee me da mu nyinaa; na obiara sere me. 8Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteam pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛeɛ. Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa abrɛ me da mu nyinaa. 9Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din anaa merenkasa wɔ ne din mu” a, nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu, ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu. Mede ahyɛ me mu abrɛ nokorɛm, merentumi. 10Mete asomusɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi atɔ ne so were.” 11Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima; enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina. Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa; wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.