Yeremia 20:7
Jeremiah 20:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, Awurade, woadaadaa me; na mapene so ama woadaadaa. Wɔtwee me da mu nyinaa; na obiara sere me.
Jeremiah 20:7 in English
Jeremiah 20:7 · Berean Standard Bible
You have deceived me, O LORD, and I was deceived. You have overcome me and prevailed. I am a laughingstock all day long; everyone mocks me.
Context
5Mede kuropɔn yi ahodeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfoɔ; nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa. Wɔbɛfa no sɛ afodeɛ akɔ Babilonia. 6Na wo Pashur, ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn nkɔmtorɔ no nyinaa bɛwuwu na wɔasie mo.’ ” 7Ao, Awurade, woadaadaa me;
na mapene so ama woadaadaa.
Wɔtwee me da mu nyinaa;
na obiara sere me. 8Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteam
pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛeɛ.
Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa
abrɛ me da mu nyinaa. 9Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din
anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,
nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu,
ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu.
Mede ahyɛ me mu abrɛ
nokorɛm, merentumi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.